Psalms 124

Onyankopɔn bɔ ne nkurɔfo ho ban

1Awurade nni yɛn afa a, anka yɛbɛyɛ dɛn?
Bua,
O Israel!
2“Sɛ Awurade nni yɛn afa na yɛn atamfo baa yɛn so no a,
3anka wɔn abufuhyew a etia yɛn no, wɔbɛmene yɛn anikann;
4na anka nsuyiri no bɛtwe yɛn akɔ na nsu no akata yɛn so
5ama ɔhweam a ano yɛ den no afa yɛn.”
6Momma yɛnna Awurade a wamma yɛn atamfo ho kwan amma wɔansɛe yɛn no ase.
7Yɛaguan te sɛ anomaa a wafi ɔbɔmmɔfo afiri mu afi.
Afiri no abubu ama yɛanya kwan afi mu.
8Yɛn mmoa fi Awurade a ɔbɔɔ soro ne asase no nkyɛn.
Copyright information for TwiNAK